Home Top Ad

2017 WEEK 48

PENTEKOSTE ASƆRE BIBLE ADESUA
2017 NNAWƆTWE 48

ƆDƆ A YƐYI NO ADI WƆ NNEYƐEƐ MU

TWERƐSƐM TITIRE: Luka 10:25-36
SUA GU WO TIRIM:
Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkyerɛma nnɔ na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokorɛ mu” 1 Yoh 3:18

NNIANIM
Yɛretoa yɛn adesua a ɛfa ɔdɔ ho no so. Yɛtaa ka sɛ  “nneyɛeɛ kasa sene ɔkasa.”Yɛbɛhwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so a yɛbɛyi yɛn dɔ a yɛwɔ wɔ Kristo mu no adi wɔ nneyɛeɛ mu. Yɛn akenkansɛm a yesua guu yɛn tirim no kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ano hunu nyi ɔdɔ adi na mmom yɛnkyerɛ yɛn dɔ nneyɛeɛ mu. Mprɛ pii no, yɛka kyerɛ Awurade sɛ yɛdɔ no, nanso ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛ yɛn dɔ a yɛde dɔ no ne nnipa dodoɔ a yɛne wɔn nya nkutahodie no? Yɛasua wɔ yɛn adesua dada mu sɛ Onyankopɔn dɔ no mu nni hwehwɛbea. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ a emu nni hwehwɛbea adi kyerɛ nnipa nyinaa ɛmmfa ho ne nkutahodie a ɛda yɛne wɔn ntam.

NSUSUHO
1. Ɔkwan bɛn so na mmaranimfoɔ no fa sɔɔ Yesu hwɛeɛ ? Nkyekyɛm 25
2. Mmuaeɛ bɛn na Yesu de maa wɔn? Nkyekyɛm 26-28
3. Deɛn nti na Ɔsofoɔ no ne Lewini no antumi anyi wɔn dɔ adi? Nkyekyɛm 31-32
4. Ɔkwan bɛn so na Samariani no fa daa ne dɔ adi? Nkyekyɛm 33-35
5. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa ada yɛn dɔ adi akyerɛ afoforɔ.?

AWIEEƐ
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Yesu nhwɛsoɔ a, ɛho hia sɛ yɛda yɛn dɔ adi kyerɛ Onyankopɔn. Akwan ahoroɔ pii wɔ hɔ a yɛbɛtumi afa ada yɛn dɔ adi akyerɛ Onyankopɔn ne afoforɔ. Akwan no bi ne awerɛkyekye, ne mmoa a yɛde boa Asɔre mma ne yɛn nnamfonom a wɔn abusuafoɔ bi afiri mu, ebi nso ne sɛ yɛbɛkɔ yɛn nnanfonom ne asɔre mma no ayɛ for hyia. Deɛ ɛka ho bio ne sɛ yɛbɛnya berɛ ama ebinom, Yɛbɛfiri yɛn akoma mu de yɛn sika ne yɛn nnoɔma bɛma Onyankopɔn. Ɔsofo no ne  Lewini no ammoa ɔbarima a na akwanmukafoɔ apirapira no no. Ɛtɔ berɛ bi a, yɛyɛ yɛn nneyɛeɛ te sɛ wɔn ara pɛ; yɛyɛ sɛ yɛnhunuu ɔhaw bi a nnipa bi nam mu a yɛde yɛn berɛ nyinaa yɛ ɔsom nnwuma. Yɛn adesua no ahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmfa yɛn ano nko nyi ɔdɔ adi na mmom yɛmfa nnwuma nka ho.

2017 WEEK 48 2017 WEEK 48 Reviewed by Pastor Boachie-Ansah on 7:27 AM Rating: 5

No comments