Home Top Ad

COP BIBLE STUDY IN TWI - FORWARD

THE CHURCH OF PENTECOST

TWERƐ KRONKRON ADESUA
NE
AFIAFIE MU
AKUO ADESUA
NHWƐSONWOMA
2015
ASANTE TWI
COMPILED BY NATIONAL BIBLE STUDY AND CELL COMMITTEE

PENTEKOSTE ASɔRE TITENANI NNIANIMU NSɛM
Nyinasosεm kεseε a asɔre no de asi yεn ani so firi afe 2013 kosi afe 2018 ne Nya Nsunsunasoɔ Pa Wɔ Nkyirimma so. Sεdeε yεyii mo asotire afe a εtwaa mu no mu no, yεpε sε mfeε nnum ntam no, ankannifoɔ biara a wɔdi asɔre no anim baabiara no betumi de Pentekoste asɔre no atu mmirika. Ɛno na εmaa yede sii yεn ani so afe 2014 sε yεbεbɔ Pentekoste gya no mu ama aka nkyirimma, sεdeε εbεyε a Nyame dom ahodoɔ a ɔde akyε asɔre no ne yεn agyanom nhyehyεeε pa a wɔde agya yεn no, yεbεtumi ahwehwε na yεakanyan ne nyinaa. Berε a yεaka ogya no asɔ ano awie yi, εsε sε yεfa ahwεfo dwuma papa so ma no dεre ara. Yei bεboa ama yεatumi ahwε sε Awurade nhyira a ɔde ahyira n’asɔre no so yie ama εho aba mfasoɔ ama nkyirimma nso abεto so na wɔanya ho mfasoɔ bi. Yei so na egyina nti na yεde, “Yε Ɔhwεfoɔ Pa ma Nyankopɔn Mma Ɛnka Nkyirimma” Mat 25:21 na asi yεn ani so afe 2015 yi.
Yεyii nyinasosεm yi firii Talεnte Ho Bε a Yεsu buu no Mateo Asεmpa 25:14-29 no mu. Abasεm no si akoa a ɔyε ofihwεfoɔ na ɔhwehwε ne wura adwuma nkɔsoɔ asene n’ankasa yiedie asεdeε no so dua. Ɛnkyerε sε akoa biara de deε ne wura no de ahyε ne nsa nko ara na εbεbu akonta, na mmom n’adwumadeε no ho mfasoɔ nso ka ho. Owura no hwehwε mfasoɔ, na εho hia no pa ara nso. Obiara a Nyame de biribi hyε ne nsa no, Awurade hwehwε sε ɔbεhwε so yie, ama mfasoɔ aba so, na deε wanhwε n’adeε so yie no, asotwe wɔ hɔ ma no. Ɛsε sε yεbɔ mmɔden yεn ahwεfodwuma a wɔde ahyε yεn nsa sε yεnhwε n’asɔre, yεn berε, abɔdeε, adom akyεdeε (honhon ne honam fam), yεn nipdua ne yεn agyapadeε nyinaa soɔ no yie.
Yεn asɔre yi, Onyankopɔn de nnepa (honhom ne honam fam) pii ahyira yεn pa ara. Yεn asεdeε ne sε yεbεyε ahwεfoɔ pa; yεnim sε sε Ɔba a, yεbεbu akonta. Ɛno nti, yεde resi yεn ani so afe yi sε, yεbεsua nnoɔma pii afa ahwεfodwuma, nnoɔma a wɔde ahyε yεn nsa, ne akontaabuo ho.
Sεdeε yεtaa yε no, yεbεfa Twerε Kronkron Adesua ne Afiafie mu Adesua Kuo a asɔre no fa so tete asuafoɔ de boa asafomma no honhom mu nyini no ara so na ama afe yi anodisεm no ho atirimpɔ atumi ayε adwuma. Wogyinaa Otitenani asεm titire a ɔne Atitire Nhyiamu Kuo no kyεε no afe 2014 Obubuo mu Nhyiamu no ase no so na atintim adesuadeε ahoroɔ yi. Wɔde nnoɔma bi nso a εho bεhia pii nso akeka ho. Wobεnya kwan asua nnoɔma, abisa nsεm, akyerε w’adwene afa nnyinasosεm yi ho wɔ Twerε Kronkron Adesua ne Afiafie Akuo adesua no mu biara mu. Kwan a wɔafa so ahyehyε adesua no nnidisoɔ no bεboa ama woatumi asua ate aseε yie na ama wo kra amee aboa wo ama woatumi de abɔ bra asom sε ɔhwεfoɔ pa.
Yεda Twerε Kronkron ne Afiafie mu Akuo Adesua Agyinatukuo no ase wɔn nsiyε ne ahofama a wɔde adi dwuma pa yi ama asɔre no ase.
Megyina akwannya yi so kamfo nwoma yi ma obiara sε yεmfa ahofama pa ne anidahɔ nsua nnya ho mfasoɔ. Onyame nhyira mo.

Opoku Onyinah (Apostle Dr.) Chairman, The Church of Pentecost.

COP BIBLE STUDY IN TWI - FORWARD COP BIBLE STUDY IN TWI - FORWARD Reviewed by Pastor Boachie-Ansah on 9:17 PM Rating: 5

12 comments

  1. Mani begye se menya Twere Kronkron ne Adesua my Adesua 2020 no bi. Me daase

    ReplyDelete
    Replies

    1. Mani begye se menya Twere Kronkron ne Adesua w) twi kasa Adesua 2020 no bi. Me daase

      Delete
  2. Please can I get the Twi version of the COP Bible Study and the Home Cell guide 2020

    ReplyDelete
  3. Please I will be glad if I get the COP BIBLE STUDY and HOME CELL GUIDE 2020,(EWE and Asante twi versions) Thanks

    ReplyDelete
  4. Please I beg,
    I will be glad if I get the COP Bible Study and home cell guide 2020 versions of Akuapem,Asante,Ga,Ewe and English

    ReplyDelete
  5. Very urgent
    I need the PDF of Bible study 2020 Asante twi version. thanks

    ReplyDelete
    Replies
    1. Sorry for not attending to you in time. I had a problem which made it impossible for me to open my blog app.
      Well I can't get the finalised one for you but I can get you the draft. WhatsApp me on 0244137880. Make sure you properly introduce yourself.
      Stay blessed.

      Delete
    2. Sorry for not attending to you in time. I had a problem which made it impossible for me to open my blog app.
      Well I can't get the finalised one for you but I can get you the draft. WhatsApp me on 0244137880. Make sure you properly introduce yourself.
      Stay blessed.

      Delete
  6. Very urgent. I need the PDF of Bible study 2020 Asante twi version

    ReplyDelete
  7. Please I need the study script for 2020 agent of peace campaign

    ReplyDelete
  8. Please very urgent I need the PDF of Bible study 2022 Ashanti Twi

    ReplyDelete
  9. Please I need pdf of 2023 Twi bible study

    ReplyDelete